Mmɛbusɛm 4:3
Proverbs 4:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie, meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no,
Proverbs 4:3 in English
Proverbs 4:3 · Berean Standard Bible
When I was a son to my father, tender and the only child of my mother,
Context
1Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso na moanya nteaseɛ. 2Mema mo adenim a ɛkɔ anim,
enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu. 3Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie,
meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no, 4ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ,
“Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm
di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa. 5Nya nyansa, nya nteaseɛ;
mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.