Native Bible

Proverbs 30:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ, afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.

Proverbs 30:23 in English

Proverbs 30:23 · Berean Standard Bible

an unloved woman who marries, and a maidservant who supplants her mistress.

Context

21“Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso, ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano: 22akoa a wabɛyɛ ɔhene, ɔkwasea a wadidi amee, 23ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ, afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu. 24“Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so, nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa: 25Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden, nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.