Mmɛbusɛm 30:14
Proverbs 30:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
wɔn a wɔn se yɛ akofena na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so, na woayi onibie afiri adasamma mu.
Proverbs 30:14 in English
Proverbs 30:14 · Berean Standard Bible
there is a generation whose teeth are swords and whose jaws are knives, devouring the oppressed from the earth and the needy from among men.
Context
12Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so
a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi; 13wɔn a wɔn ani tra ntɔn,
na wɔbu animtiaa; 14wɔn a wɔn se yɛ akofena
na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan
wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so,
na woayi onibie afiri adasamma mu. 15“Amemem wɔ mmammaa mmienu
a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’
“Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da.
Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’ 16Damena,
obonini awotwaa,
asase a ɛyɛ wesee daa,
ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.