Mmɛbusɛm 29:4
Proverbs 29:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ, nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no.
Proverbs 29:4 in English
Proverbs 29:4 · Berean Standard Bible
By justice a king brings stability to the land, but a man who exacts tribute * demolishes it.
Context
2Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie;
sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie. 3Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,
nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya. 4Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ,
nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no. 5Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no
sum ne nan afidie. 6Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie,
nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.