Native Bible

Proverbs 29:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so, na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.

Proverbs 29:16 in English

Proverbs 29:16 · Berean Standard Bible

When the wicked thrive, rebellion increases; but the righteous will see their downfall.

Context

14Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a, nʼahennwa bɛtim hɔ daa. 15Ntenesoɔ abaa ma nyansa, na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase. 16Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so, na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ. 17Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ; ɔbɛma wo ɔkra ani agye. 18Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.