Mmɛbusɛm 28:3
Proverbs 28:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.
Proverbs 28:3 in English
Proverbs 28:3 · Berean Standard Bible
A destitute leader who oppresses the poor is like a driving rain that leaves no food.
Context
1Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no,
nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata. 2Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii,
nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma. 3Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no
te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ. 4Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ,
na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan. 5Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase,
nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.