Mmɛbusɛm 28:18
Proverbs 28:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu, nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
Proverbs 28:18 in English
Proverbs 28:18 · Berean Standard Bible
He who walks with integrity will be kept safe, but whoever is perverse in his ways will suddenly fall.
Context
16Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,
na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten. 17Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,
ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;
mma obiara mmɔ ne ho ban. 18Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,
nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim. 19Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,
nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia. 20Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii,
na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.