Mmɛbusɛm 27:9
Proverbs 27:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye, adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.
Proverbs 27:9 in English
Proverbs 27:9 · Berean Standard Bible
Oil and incense bring joy to the heart, and the sweetness of a friend is counsel to the soul.
Context
7Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,
nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ. 8Onipa a wayera ne fie ɛkwan,
te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini. 9Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,
adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma. 10Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,
na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri. 11Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;
ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.