Mmɛbusɛm 26:21
Proverbs 26:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no, saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.
Proverbs 26:21 in English
Proverbs 26:21 · Berean Standard Bible
Like charcoal for embers and wood for fire, so is a quarrelsome man for kindling strife.
Context
19te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko
na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!” 20Yensin hi a, ogya dum;
nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa. 21Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no,
saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa. 22Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;
ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa. 23Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no
saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.