Native Bible

Proverbs 26:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.

Proverbs 26:12 in English

Proverbs 26:12 · Berean Standard Bible

Do you see a man who is wise in his own eyes? There is more hope for a fool than for him.

Context

10Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa. 11Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu. 12Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no. 13Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu, gyata nenam mmɔntene no so!” 14Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no, saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.