Mmɛbusɛm 23:33
Proverbs 23:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da, na woadwene nneɛma basabasa ho.
Proverbs 23:33 in English
Proverbs 23:33 · Berean Standard Bible
Your eyes will see strange things, and your mind will utter perversities.
Context
31Nhwɛ nsã ani kɔkɔɔ no haa,
ɛberɛ a ɛretwa yerɛ yerɛ wɔ kuruwa mu,
na ɛkɔ yɔɔ no. 32Awieeɛ no ɛka te sɛ ɔwɔ
na ɛwɔ borɔ te sɛ ahurutoa. 33Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da,
na woadwene nneɛma basabasa ho. 34Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,
ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so. 35Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira.
Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara.
Ɛberɛ bɛn na menyane
akɔpɛ nsã anom bio?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.