Mmɛbusɛm 22:24
Proverbs 22:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mfa obi a ne bo ha no adamfo, na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,
Proverbs 22:24 in English
Proverbs 22:24 · Berean Standard Bible
Do not make friends with an angry man, and do not associate with a hot-tempered man,
Context
22Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti,
na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ, 23ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn
na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa. 24Mfa obi a ne bo ha no adamfo,
na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu, 25anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan
na woakɔtɔ afidie mu. 26Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu,
anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.