Mmɛbusɛm 20:17
Proverbs 20:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ, nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.
Proverbs 20:17 in English
Proverbs 20:17 · Berean Standard Bible
Food gained by fraud is sweet to a man, but later his mouth is full of gravel.
Context
15Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so,
na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna. 16Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ;
sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa. 17Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ,
nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom. 18Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ;
sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ. 19Osekuni da kokoamsɛm adi;
enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.