Mmɛbusɛm 17:2
Proverbs 17:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so, na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.
Proverbs 17:2 in English
Proverbs 17:2 · Berean Standard Bible
A wise servant will rule over a disgraceful son and share his inheritance as one of the brothers.
Context
1Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho
yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu. 2Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so,
na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako. 3Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ
nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ. 4Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;
ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.