Mmɛbusɛm 16:8
Proverbs 16:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.
Proverbs 16:8 in English
Proverbs 16:8 · Berean Standard Bible
Better a little with righteousness than great gain with injustice.
Context
6Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne;
onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa. 7Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,
ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu. 8Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ
sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya. 9Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu,
nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo. 10Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ,
enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.