Native Bible

Proverbs 16:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu.

Proverbs 16:25 in English

Proverbs 16:25 · Berean Standard Bible

There is a way that seems right to a man, but its end is the way of death.

Context

23Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan, na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so. 24Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ. 25Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu. 26Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den; ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm. 27Ohuhuni bɔ pɔ bɔne, ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.