Native Bible

Proverbs 16:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

Proverbs 16:21 in English

Proverbs 16:21 · Berean Standard Bible

The wise in heart are called discerning, and pleasant speech promotes instruction.

Context

19Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ. 20Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ; nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so. 21Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so. 22Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi, nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ. 23Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan, na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.