Native Bible

Proverbs 16:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.

Proverbs 16:18 in English

Proverbs 16:18 · Berean Standard Bible

Pride goes before destruction, and a haughty spirit before a fall.

Context

16Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ, sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ! 17Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne; deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban. 18Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim. 19Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ. 20Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ; nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.