Mmɛbusɛm 14:8
Proverbs 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.
Proverbs 14:8 in English
Proverbs 14:8 · Berean Standard Bible
The wisdom of the prudent is to discern his way, but the folly of fools deceives them.
Context
6Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,
nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm. 7Twe wo ho firi ɔkwasea ho,
ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano. 8Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,
na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa. 9Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ,
na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ. 10Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,
na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.