Mmɛbusɛm 12:8
Proverbs 12:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.
Proverbs 12:8 in English
Proverbs 12:8 · Berean Standard Bible
A man is praised according to his wisdom, but a twisted mind is despised.
Context
6Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya,
na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu. 7Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,
nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn. 8Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ
na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa. 9Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,
sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane. 10Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,
na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.