Native Bible

Proverbs 11:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.

Proverbs 11:23 in English

Proverbs 11:23 · Berean Standard Bible

The desire of the righteous leads only to good, but the hope of the wicked brings wrath.

Context

21Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua, na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu. 22Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu. 23Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ. 24Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree; obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no. 25Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho; na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.