Native Bible

Proverbs 11:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.

Proverbs 11:20 in English

Proverbs 11:20 · Berean Standard Bible

The perverse in heart are an abomination to the LORD, but the blameless in their walk are His delight.

Context

18Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina, nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu. 19Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa, nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu. 20Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho. 21Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua, na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu. 22Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.