Mmɛbusɛm 10:23
Proverbs 10:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea, nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.
Proverbs 10:23 in English
Proverbs 10:23 · Berean Standard Bible
The fool delights in shameful conduct, but a man of understanding has wisdom.
Context
21Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane,
na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu. 22Awurade nhyira de ahonya ba,
na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho. 23Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea,
nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu. 24Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so;
na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn. 25Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera,
nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.