Native Bible

Proverbs 10:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ, nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.

Proverbs 10:2 in English

Proverbs 10:2 · Berean Standard Bible

Ill-gotten treasures profit nothing, but righteousness brings deliverance from death.

Context

1Salomo mmɛbusɛm: Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ. 2Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ, nanso tenenee gye onipa firi owuo mu. 3Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu. 4Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.