Mmɛbusɛm 1:25
Proverbs 1:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛ mopoo mʼafotuo, na moampɛ mʼanimka enti,
Proverbs 1:25 in English
Proverbs 1:25 · Berean Standard Bible
because you neglected all my counsel, and wanted none of my correction,
Context
23Sɛ motiee mʼaninka a,
anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo
maa mo hunuu me nsusuiɛ. 24Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo
na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu, 25sɛ mopoo mʼafotuo,
na moampɛ mʼanimka enti, 26me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu;
sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw, 27sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,
na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa,
na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.