Filipifoɔ 3:16
Philippians 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.
Philippians 3:16 in English
Philippians 3:16 · Berean Standard Bible
Nevertheless, we must live up to what we have already attained.
Context
14Yei enti, metu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botaeɛ no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho. 15Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu. 17Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa, enti montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.