Native Bible

Philippians 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi.

Philippians 2:5 in English

Philippians 2:5 · Berean Standard Bible

Let this mind be in you which was also in Christ Jesus:

Context

3Monnyɛ pɛsɛmenkomenya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ animuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mommu mo yɔnkonom nsene mo ankasa mo ho. 4Mommma obiara nnnwene ne nko ara nʼadeɛ ho, na mmom, ɔnnwene nʼafɛfoɔ nso deɛ ho bi. 5Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi. 6Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. 7Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn. Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.