Native Bible

Philippians 2:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no.

Philippians 2:20 in English

Philippians 2:20 · Berean Standard Bible

I have nobody else like him who will genuinely care for your needs.

Context

18Aane, momma mo ani nnye, sɛdeɛ me nso mʼani agye no. 19Anidasoɔ a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no enti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21Obiara pɛ ɔno ara ne yiedie a Yesu Kristo ho asɛm mmfa ne ho. 22Mo ankasa modi ho adanseɛ wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abom adi asɛmpa no ho dwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.