Native Bible

Philippians 1:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ.

Philippians 1:24 in English

Philippians 1:24 · Berean Standard Bible

But it is more necessary for you that I remain in the body.

Context

22Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo. 23Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ; 24nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ. 25Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ. 26Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.