Filipifoɔ 1:23
Philippians 1:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ;
Philippians 1:23 in English
Philippians 1:23 · Berean Standard Bible
I am torn between the two. I desire to depart and be with Christ, which is far better indeed.
Context
21Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ. 22Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo. 23Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ; 24nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ. 25Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.