Native Bible

Numbers 4:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu.

Numbers 4:18 in English

Numbers 4:18 · Berean Standard Bible

“Do not allow the Kohathite tribal clans to be cut off from among the Levites.

Context

16“Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.” 17Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 18“Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu. 19Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho te no a, deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu nie: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. 20Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ koraa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhunu nneɛma a ɛho te no na ɛrenkyɛre koraa wɔawuwu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.