4 Mose 36:10
Numbers 36:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Selofehad mmammaa no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
Numbers 36:10 in English
Numbers 36:10 · Berean Standard Bible
So the daughters of Zelophehad did as the LORD had commanded Moses.
Context
8Mmammaa a wɔwɔ Israel mmusuakuo mu nyinaa a agyapadeɛ tumi kɔ wɔn nsam no, ɛsɛ sɛ wɔwareware wɔ wɔn mmusuakuo mu na wɔn agyapadeɛ amfiri wɔn abusuakuo mu. 9Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔdi ɔfoforɔ nsam, ɛsɛ sɛ Israel abusuakuo biara bɔ nʼagyapadeɛ ho ban.” 10Selofehad mmammaa no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. 11Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa warewaree wɔn agyanom nuammarima mma. 12Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn abusuakuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.