4 Mose 33:51
Numbers 33:51 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a,
Numbers 33:51 in English
Numbers 33:51 · Berean Standard Bible
“Speak to the Israelites and tell them: When you cross the Jordan into the land of Canaan,
Context
49Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no. 50Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, 51“Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a, 52mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53Mede asase no ama mo. Momfa na montena so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.