4 Mose 33:48
Numbers 33:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.
Numbers 33:48 in English
Numbers 33:48 · Berean Standard Bible
They set out from the mountains of Abarim and camped on the plains of Moab by the Jordan across from Jericho.
Context
46Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim. 47Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so. 48Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no. 49Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no. 50Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.