4 Mose 33:37
Numbers 33:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano.
Numbers 33:37 in English
Numbers 33:37 · Berean Standard Bible
They set out from Kadesh and camped at Mount Hor, on the outskirts of the land of Edom.
Context
35Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber. 36Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Kades, wɔ Sin ɛserɛ so. 37Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano. 38Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron sɛ ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no. 39Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.