4 Mose 33:2
Numbers 33:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu.
Numbers 33:2 in English
Numbers 33:2 · Berean Standard Bible
At the LORD’s command, Moses recorded the stages of their journey. These are the stages listed by their starting points:
Context
1Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no. 2Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu. 3Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii hɔ a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn. 4Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a Awurade kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. Awurade nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.