4 Mose 32:27
Numbers 32:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafoɔ no bɛko ama Awurade sɛdeɛ woaka no.”
Numbers 32:27 in English
Numbers 32:27 · Berean Standard Bible
But your servants are equipped for war, and every man will cross over to the battle before the LORD, just as our lord says.”
Context
25Ruben ne Gad nkurɔfoɔ no kaa sɛ, “Yɛbɛdi wʼahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. 26Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nnwan ne yɛn anantwie bɛtena Gilead nkuropɔn mu. 27Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafoɔ no bɛko ama Awurade sɛdeɛ woaka no.” 28Enti, Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo ano no sɛ, 29“Sɛ Gad ne Ruben abusuakuo mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ahyɛ sraa mu sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.