4 Mose 3:14
Numbers 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai ɛserɛ so sɛ,
Numbers 3:14 in English
Numbers 3:14 · Berean Standard Bible
Then the LORD spoke to Moses in the Wilderness of Sinai, saying,
Context
12“Mayi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu de wɔn asi Israel babaa biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifoɔ no yɛ me dea, 13ɛfiri sɛ abakan biara wɔ me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan wɔ Misraim no, megyaa Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.” 14Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai ɛserɛ so sɛ, 15“Kan Lewifoɔ no wɔ wɔn mmusua ne afie mu. Kan ɔbarima biara firi deɛ wadi bosome baako so.” 16Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.