4 Mose 28:29
Numbers 28:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho.
Numbers 28:29 in English
Numbers 28:29 · Berean Standard Bible
and a tenth of an ephah with each of the seven lambs.
Context
27Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson. 28Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho; 29na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho. 30Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho. 31Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.