4 Mose 28:13
Numbers 28:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani.
Numbers 28:13 in English
Numbers 28:13 · Berean Standard Bible
and a tenth of an ephah of fine flour mixed with oil as a grain offering with each lamb. This is a burnt offering, a pleasing aroma, an offering made by fire to the LORD.
Context
11“ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. 12Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho; 13na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani. 14Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu. 15Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama Awurade. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.