Native Bible

Numbers 28:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.

Numbers 28:11 in English

Numbers 28:11 · Berean Standard Bible

At the beginning of every month, you are to present to the LORD a burnt offering of two young bulls, one ram, and seven male lambs a year old, all unblemished,

Context

9“ ‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no. 10Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no. 11“ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. 12Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho; 13na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.