Native Bible

Numbers 26:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam. Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.

Numbers 26:39 in English

Numbers 26:39 · Berean Standard Bible

the Shuphamite clan from Shupham,* and the Huphamite clan from Hupham.

Context

37Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,500). Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ. 38Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu. Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela. Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel. Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram. 39Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam. Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam. 40Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu. Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard. Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman. 41Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia (45,600).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.