Native Bible

Numbers 24:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ, Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka.

Numbers 24:5 in English

Numbers 24:5 · Berean Standard Bible

How lovely are your tents, O Jacob, your dwellings, O Israel!

Context

3na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie, 4deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so: 5“Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ, Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka. 6“Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo, te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua, te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho. 7Wɔbɛnya nsuo bebree. Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa. “Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag; wɔn ahennie bɛkorɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.