Native Bible

Numbers 22:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbɛhyɛ wo animuonyam na sika biara a wɔbɛgye no no nso, ɔbɛtua. Ka sika a wobɛgye! Ɔse, wo deɛ, bra na bɛdome saa nnipa no ma yɛn.”

Numbers 22:17 in English

Numbers 22:17 · Berean Standard Bible

for I will honor you richly and do whatever you say. So please come and put a curse on this people for me!’”

Context

15Balak sɔ hwɛɛ bio. Saa ɛberɛ no deɛ, ɔsomaa nnipa dodoɔ pa ara a animuonyamfoɔ a wɔkyɛn kane dɔm no fra wɔn mu. 16Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene Balak se ɔsrɛ wo sɛ bra. 17Ɔbɛhyɛ wo animuonyam na sika biara a wɔbɛgye no no nso, ɔbɛtua. Ka sika a wobɛgye! Ɔse, wo deɛ, bra na bɛdome saa nnipa no ma yɛn.” 18Nanso, Balaam buaa sɛ, “Sɛ ɔma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ no ma tɔ koraa a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛdeɛ a Awurade a ɔyɛ me Onyankopɔn no ahyɛ no so. 19Nanso, monna ha ma adeɛ nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforɔ bi aka deɛ waka dada no ho anaa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.