4 Mose 22:10
Numbers 22:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbuaa sɛ, “Wɔfiri Moabhene Balak nkyɛn.
Numbers 22:10 in English
Numbers 22:10 · Berean Standard Bible
And Balaam said to God, “Balak son of Zippor, king of Moab, sent me this message:
Context
8Balaam kaa sɛ, “Monna ma adeɛ nkye mo. Adeɛ kye a, deɛ Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti wɔdaeɛ. 9Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Saa nnipa yi yɛ ɛhefoɔ?” 10Ɔbuaa sɛ, “Wɔfiri Moabhene Balak nkyɛn. 11Na nnipadɔm bi firi Misraim aba ne hyeɛ so, na ɔpɛ sɛ mekɔ hɔ ntɛm so na mekɔdome wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi adi wɔn so.” 12Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, ɛfiri sɛ, mahyira wɔn!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.