4 Mose 20:27
Numbers 20:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn.
Numbers 20:27 in English
Numbers 20:27 · Berean Standard Bible
So Moses did as the LORD had commanded, and they climbed Mount Hor in the sight of the whole congregation.
Context
25Afei, fa Aaron ne ne babarima Eleasa kɔ Bepɔ Hor so. 26Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom.” 27Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi, 29na wɔbɔɔ nnipa no wu a Aaron awuo no ho amaneɛ no, wɔsuu no adaduasa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.