4 Mose 20:26
Numbers 20:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom.”
Numbers 20:26 in English
Numbers 20:26 · Berean Standard Bible
Remove Aaron’s priestly garments and put them on his son Eleazar. Aaron will be gathered to his people and will die there.”
Context
24“Ɛberɛ aduru sɛ Aaron wuo, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfoɔ no so bi, ɛfiri sɛ, mo baanu yɛɛ me dɔm wɔ Meriba nsuo no ho. 25Afei, fa Aaron ne ne babarima Eleasa kɔ Bepɔ Hor so. 26Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom.” 27Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.