4 Mose 20:13
Numbers 20:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔfrɛɛ beaeɛ hɔ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri sɛ, ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ kronkron.
Numbers 20:13 in English
Numbers 20:13 · Berean Standard Bible
These were the waters of Meribah,* where the Israelites quarreled with the LORD, and He showed His holiness among them.
Context
11Afei Mose maa abaa no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsuo bebree firii mu baeɛ maa nnipa no ne wɔn anantwie nomeeɛ. 12Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Esiane sɛ moante me ho wɔ Israelfoɔ no anim no enti, moremfa wɔn nkɔ asase a mehyɛɛ wɔn ho bɔ no so!” 13Wɔfrɛɛ beaeɛ hɔ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri sɛ, ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ kronkron. 14Ɛberɛ a Mose wɔ Kades no, ɔsomaa nnipa ma wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no sɛ:
“Saa nkra yi firi wʼabusuafoɔ a wɔyɛ Israelfoɔ nkyɛn. Wonim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu, 15sɛdeɛ yɛn agyanom kɔtenaa Misraim. Yɛtenaa hɔ mfeɛ bebree na yɛhunuu amane sɛ Misraimfoɔ nkoa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.