4 Mose 16:31
Numbers 16:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wankasa anwie koraa, asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee prɛko pɛ,
Numbers 16:31 in English
Numbers 16:31 · Berean Standard Bible
As soon as Moses had finished saying all this, the ground beneath them split open,
Context
29Sɛ owuo nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wɔhunu deɛ ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me. 30Na sɛ Awurade nam anwanwakwan so pae asase mu ma emu bue na ɛmene wɔn ne wɔn ahodeɛ na sɛ wɔkɔ asamando anikann a, ɛbɛma moahunu sɛ, saa nnipa yi bu Awurade animtia.” 31Wankasa anwie koraa, asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee prɛko pɛ, 32na ɛmenee wɔn ne wɔn ntomadan, wɔn abusuafoɔ, wɔn nnamfonom a na wɔgyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapadeɛ nyinaa. 33Enti, wɔwuraa asase mu anikann kɔɔ asamando na asase no sane ka too mu ma wɔyeraeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.