Native Bible

Numbers 13:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.

Numbers 13:3 in English

Numbers 13:3 · Berean Standard Bible

So at the consent * of the LORD, Moses sent them out from the Wilderness of Paran. All the men were leaders of the Israelites,

Context

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase so—asase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni.” 3Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so. 4Saa mmusuakuo no ne wɔn mpanimfoɔ no edin na ɛdidi so yi: Ruben abusuakuo no ntuanoni ne Sakur babarima Samua; 5Simeon abusuakuo no ntuanoni ne Hori babarima Safat;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.